16 Esiane sɛ ɔhene no antie Israel nti, wɔn nyinaa ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Dɛn na yɛne Dawid wɔ yɛ?+ Yenni agyapade biara wɔ Yese ba+ no mu. Israelfo, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!+ Afei Dawid, wo ara hwɛ wo fie.”+ Ɛnna Israelfo nyinaa kokɔɔ wɔn ntamadan mu.