11 Na Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no,+ mate+ ne nyinaa, sɛnea woagyaw wo papa ne wo maame ne w’abusuafo hɔ abɛtena asase yi so, baabi a wunnim hɔ da.+
17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafo a wɔwɔ hɔ no ani gyei, dii ahurusi, na wɔtow pon+ sɛpɛw wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafo,+ efisɛ na Yudafo ho hu+ atɔ wɔn so.