21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi,+ baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”+
2 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase+ na wo kra nso te ase+ yi, merennyaw wo.”+ Enti wosian kɔɔ Betel.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefo+ ne daa Hene.+ N’abufuhyew nti, asase bɛwosow,+ na ɔman biara nni hɔ a ebegyina n’abohuru ano.+
16 Afei Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam ahintawee mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔbɔɔ yɛn kra+ yi te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra no nsa.”+