Rut 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu,+ na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+ Mmebusɛm 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Yɔnkonom bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfo bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.+ Mateo 8:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na ɔkyerɛwfo bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, medi w’akyi akɔ baabiara a wobɛkɔ.”+
17 Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu,+ na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+