Genesis 47:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt na ɔmaa wɔn asase no fã a eye paa, Ramese+ asase, sɛnea Farao kae no. Exodus 20:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ Mmebusɛm 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Anigye na ɔtreneeni papa benya;+ na onyansafo papa nso bedi ne ho ahurusi.+ Mateo 19:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Di wo papa ne wo maame ni,+ afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+
11 Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt na ɔmaa wɔn asase no fã a eye paa, Ramese+ asase, sɛnea Farao kae no.