Mateo
19 Bere a Yesu wiee nsɛm yi no, ofii Galilea baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya.+ 2 Afei nnipadɔm kɛse dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.+
3 Na Farisifo baa ne nkyɛn a na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ, na wɔkae sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere?”+ 4 Obua see wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase,+ 5 na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame+ hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’?+ 6 Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnde dɛn nti na Mose hyɛe sɛ obi betumi ama awaregyae krataa na wagyaa ɔbea no?”+ 8 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo komaden nti+ na Mose maa mo kwan sɛ mutumi gyaa mo yerenom, na efi mfiase no na ɛnte saa.+ 9 Mise mo sɛ sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”+
10 Asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no te wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnde ɛnyɛ papa sɛ wɔware.”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi gye asɛm yi, gye wɔn a wɔwɔ akyɛde no nkutoo.+ 12 Ayitotofo bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn saa fi wɔn maame yam,+ na ayitotofo bi wɔ hɔ a nnipa na ayɛ wɔn ayitotofo, na ayitotofo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni no nti na wɔayɛ wɔn ho ayitotofo. Obiara a obetumi agye eyi atom no, ma ɔnyɛ saa.”+
13 Afei wɔde mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa mmofra nkumaa no, na munnsiw wɔn kwan sɛ wɔmmma me nkyɛn, na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn a wɔte saa no dea.”+ 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ofii hɔ kɔe.+
16 Afei hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, dɛn papa na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Obiako na ɔyɛ papa.+ Na mmom sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu nea ɛwɔ he?”+ Yesu kae sɛ: “Wiɛ, Nni awu,+ Nsɛe aware,+ Mmɔ korɔn,+ Nni adansekurum,+ 19 Di wo papa ne wo maame ni,+ afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20 Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi eyinom nyinaa so; aka me dɛn bio?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔtɔn w’ahode fa ma ahiafo na wubenya ademude wɔ soro,+ na bra bedi m’akyi.”+ 22 Bere a aberante no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+ 23 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ ɛbɛyɛ den ama ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.+ 24 Mise mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”+
25 Bere a asuafo no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa ma wɔkae sɛ: “Hena koraa na obetumi anya nkwa?”+ 26 Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam de eyi renyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”+
27 Ɛnna Petro bua see no sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa abedi w’akyi; dɛn koraa na yebenya?”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, bere a wɔayɛ nneɛma foforo na onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no, mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.+ 29 Na obiara a wagyaw afie anaa nuabarimanom anaa nuabeanom anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsase esiane me din nti no benya no mmɔho pii na wanya daa nkwa.+