Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 22-23
  • Anidaso a Ɛbɛbam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso a Ɛbɛbam
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Ɔdebɔneyɛfo No?
  • Asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom
  • Yesu Ka Kyerɛɛ Ɔdebɔneyɛfo no sɛ Ɔbɛkɔ Soro Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Bible No Hyɛ Asase So Paradise Ho Bɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Bue A Wobue Ɔkwan A Wɔde San Kɔ Paradise
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 22-23

Anidaso a Ɛbɛbam

BƐYƐ mfe 2,000 a atwam no, wobuu Yesu a wɔtaa frɛ no onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no kumfɔ a na ɔnyɛɛ bɔne biara. Bere a na ɔsɛn asɛndua so no, ɔdebɔneyɛfo bi a ɔsɛn ne nkyɛn dii ne ho fɛw sɛ: “Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!”

Bere a ɔkaa saa no, ɔdebɔneyɛfo foforo a na wɔrekum ɔno nso kaa n’anim sɛ: “Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi? Na yɛn de de, ɛteɛ pɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.” Afei ɔdan n’ani kyerɛɛ Yesu srɛe sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!”

Yesu buae sɛ: “Nokware mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.”—Luka 23:39-43, NW.

Ná wɔde anidaso bi a ɛyɛ nwonwa asi Yesu anim. Ɔsomafo Paulo huu sɛnea saa anidaso yi nyaa Yesu so tumi no, na ɔkae sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu.”—Hebrifo 12:2.

Nea na ɛka “anigye” a wɔde asi Yesu anim no ho ne sɛ na ɔbɛsan ne N’agya atra soro, na awiei koraa no wasom sɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo. Afei nso, n’ani begye sɛ obegye n’akyidifo a wɔasɔ wɔn ahwɛ a obetumi de ne ho ato wɔn so a wɔne no bedi asase so ahene no akɔ soro. (Yohane 14:2, 3; Filipifo 2:7-11; Adiyisɛm 20:5, 6) Ɛnde, dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔhyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a na wanu ne ho no bɔ sɛ ɔbɛkɔ Paradise no?

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Ɔdebɔneyɛfo No?

Saa ɔbarima no amfata sɛ ɔne Yesu bedi hene wɔ soro. Ɔnka wɔn a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Na mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo” no ho. (Luka 22:28, 29) Nanso, Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo no bɔ sɛ ɔbɛka ne ho wɔ Paradise. Ɛbɛyɛ dɛn na saa bɔhyɛ no abam?

Yehowa Nyankopɔn de ɔbarima ne ɔbea a wodi kan, Adam ne Hawa, traa Paradise, turo bi a anigye wom a wɔfrɛ no Eden mu. (Genesis 2:8, 15) Ná Eden wɔ asase so, na na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ asase mũ no nyinaa bɛdan paradise. Nanso, Adam ne Hawa antie Onyankopɔn na wɔpam wɔn fii wɔn fie fɛfɛ no mu. (Genesis 3:23, 24) Nanso Yesu daa no adi sɛ wɔbɛma Paradise asan aba na ɛbɛtrɛw afa asase so nyinaa.

Bere a ɔsomafo Petro bisaa Yesu sɛ akatua bɛn na ɔne ne mfɛfo asomafo no benya sɛ wɔabedi n’akyi no, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: ‘Mo a mubedii m’akyi awo foforo no mu no, da a onipa ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtra nhengua dumien so.’ (Mateo 19:27, 28) Ɛda adi pefee sɛ wɔ Luka kyerɛwtohɔ no mu no sɛ anka Yesu bɛka sɛ “awo foforo no mu,” no ɔkae sɛ “nneɛma nhyehyɛe a ɛreba no mu.”—Luka 18:28-30, NW.

Enti, sɛ Yesu Kristo ne wɔn a wɔne no bedi hene no tra n’anuonyam ahengua so wɔ soro a, ɔde nneɛma nhyehyɛe foforo a trenee te mu besi hɔ. (2 Timoteo 2:11, 12; Adiyisɛm 5:10; 14:1, 3) Ɛdenam Kristo ɔsoro nniso no so no, Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ asase mũ no nyinaa bɛdan paradise no bɛbam!

Wɔ saa Ahenni nniso yi mu no, Yesu bedi bɔ a ɔhyɛɛ ɔdebɔneyɛfo a wokum ɔne no no so. Obenyan saa ɔbarima no, na wabɛyɛ Yesu asase so akoa. Afei wɔbɛma ɔdebɔneyɛfo no hokwan ma wadi Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow so na watra ase daa wɔ Ahenni no nniso ase. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi adi anidaso a egyina Bible so a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Paradise no ho ahurusi!

Asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom

Susuw atirimpɔw a anidaso kɛse a ɛte saa betumi de aba yɛn asetram no ho hwɛ. Ebetumi aboa ma yɛabɔ yɛn adwene ho ban afi nneɛma a ebetumi adi yɛn awu no ho. Ɔsomafo Paulo de saa anidaso no totoo honhom mu akode bi a ɛho hia ho. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ “nkwagye anidaso” sɛ “dade kyɛw.”—1 Tesalonikafo 5:8; Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:3, 4.

Saa anidaso no wowaw yɛn wɔ asetra mu. Wɔ Paradise a ɛreba no mu no, anigye besi ankonamyɛ ananmu bere a “Nyankopɔn a onyan awufo no” de yɛn adɔfo a yɛpɛ wɔn asɛm ba nkwa mu no. (2 Korintofo 1:9) Afei yɛn werɛ befi abasamtu a honam fam mmerɛwyɛ, ɛyaw, ne faakotra de ba no, efisɛ “apakye behuruw sɛ ɔforote.” Onipa biara ‘honam bɛyɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de,’ na ɔbɛsan ‘akɔ ne mmerantebere ne ne mmabaa bere mu.’—Yesaia 35:6; Hiob 33:25.

Wɔ saa bere a “obiara renka sɛ: ‘Meyare,’” bio mu no, abasamtu a ɔyare a enni sabea de ba no befi hɔ. (Yesaia 33:24, NW) “Daa anigye” besi adwenemhaw a ɛma yɛte nka sɛ yɛnsɛ hwee no ananmu. (Yesaia 35:10) Abasamtu a owuyare de ba ne owu ankasa, adesamma tamfo a atra hɔ fi teteete no befi hɔ.—1 Korintofo 15:26.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22, 23]

Mma wo werɛ mmfi Onyankopɔn wiase foforo no ho anidaso a ɛyɛ nwonwa no da

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena