Mateo 12:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bere a Yesu huu saa no, ofii hɔ kɔe. Nnipa bebree nso dii n’akyi na ɔsaa wɔn nyinaa yare,+ Mateo 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Bere a opue bae no, ohuu nnipakuw kɛse bi; wɔyɛɛ no mmɔbɔ+ na ɔsaa wɔn mu ayarefo no yare.+ Mateo 15:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Ɛnna nnipakuw pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifuraefo, mum, ne afoforo pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn beguu ne nan ase ma ɔsaa wɔn yare;+ Luka 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nanso ne ho asɛm trɛwee pii, na nnipakuw pii bae sɛ wɔrebetie no na wasa wɔn yare.+
30 Ɛnna nnipakuw pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifuraefo, mum, ne afoforo pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn beguu ne nan ase ma ɔsaa wɔn yare;+