Yesaia 35:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa bere no anifuraefo ani bebue+ na asotifo aso ate asɛm.+ Mateo 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Afei nnipadɔm kɛse dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.+ Marko 3:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nea ɛte ne sɛ, ɔsaa nnipa pii yare, na ɛmaa wɔn a wɔn yare mu yɛ den nyinaa befuw ne ho sɛ wɔde wɔn nsa rebɛka no.+ Marko 7:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu no so.+
10 Nea ɛte ne sɛ, ɔsaa nnipa pii yare, na ɛmaa wɔn a wɔn yare mu yɛ den nyinaa befuw ne ho sɛ wɔde wɔn nsa rebɛka no.+
32 Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu no so.+