Yesaia 29:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Saa da no, asotifo bɛte nhoma no mu nsɛm,+ na anifuraefo befi kusuuyɛ ne esum mu ahu ade.+ Yeremia 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+ Marko 7:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Ɛnna n’asom buebuei+ na nea akyekyere ne tɛkrɛma no sanee, na ofii ase kasaa yiye. Luka 7:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Enti obuaa baanu no sɛ: “Monkɔ+ nkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: anifuraefo+ hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa+ kyerɛ ahiafo.+
10 “Henanom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wontie? Hwɛ! wontwaa wɔn aso twetia enti wontumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adan ahohorade wɔn ani so,+ enti wonni ho anigye bi.+
22 Enti obuaa baanu no sɛ: “Monkɔ+ nkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: anifuraefo+ hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa+ kyerɛ ahiafo.+