Dwom 146:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa bue anifuraefo aniwa;+Yehowa ma wɔn a wɔakotow so gyina hɔ;+Yehowa dɔ treneefo.+ Yesaia 42:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Mɛma anifuraefo anantew kwan a wonnim so so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adan hann,+ na nea ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi adan asasetamaa.+ Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”+ Mateo 9:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na wɔn aniwa huu ade. Bio nso, Yesu hyɛɛ wɔn denneennen sɛ: “Monhwɛ na obiara ante ho asɛm.”+
16 Mɛma anifuraefo anantew kwan a wonnim so so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adan hann,+ na nea ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi adan asasetamaa.+ Eyi na mɛyɛ ama wɔn, na merennyaw wɔn.”+