Atemmufo 13:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Akyiri yi ɔbea no woo ɔbabarima na ɔtoo no din Samson.+ Abofra no nyinii, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+ 1 Samuel 2:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Saa bere no nyinaa na abofra Samuel gu so renyin, na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.+ 1 Samuel 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na Samuel nyinii, na Yehowa dii n’akyi,+ na wamma ne nsɛm mu biara antɔ fam.+ Luka 1:80 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 80 Na abofra kumaa no nyin+ yɛɛ den honhom mu, na ɔtenaa sare so kosii da a oyii ne ho adi kyerɛɛ Israel. Luka 2:52 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 52 Na Yesu kɔɔ so nyinii nyaa nyansa,+ na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim dom.+
24 Akyiri yi ɔbea no woo ɔbabarima na ɔtoo no din Samson.+ Abofra no nyinii, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+
80 Na abofra kumaa no nyin+ yɛɛ den honhom mu, na ɔtenaa sare so kosii da a oyii ne ho adi kyerɛɛ Israel.