Leviticus 26:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 ɛnde me nso mɛyɛ nea edi so yi de atwe mo aso: Mede nsamanwaw+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo aniwa asɛe+ na mo kra agurow.+ Mubedua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, efisɛ mo atamfo na wobedi.+ Deuteronomium 28:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Ɔman bi a wunnim wɔn bedi w’afuw mu nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wobesisi wo atan w’ani daa.+ Atemmufo 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Midianfo yi nti, ohia fitaa kaa Israelfo no. Afei Israelfo su frɛɛ Yehowa.+
16 ɛnde me nso mɛyɛ nea edi so yi de atwe mo aso: Mede nsamanwaw+ ne atiridii bɛbɔ mo na mo aniwa asɛe+ na mo kra agurow.+ Mubedua aba nanso ɛbɛyɛ adwumahunu, efisɛ mo atamfo na wobedi.+
33 Ɔman bi a wunnim wɔn bedi w’afuw mu nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa,+ na wobesisi wo atan w’ani daa.+