Genesis 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa? Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw w’abobow ano, na ɛrehwehwɛ wo;+ adɛn na wunni no so?”+ Mmebusɛm 11:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Pɛyɛfo trenee na ɛbɛma ne kwan ayɛ tee,+ na ɔbɔnefo amumɔyɛ na ɛbɛma wahwe ase.+ Mateo 7:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Saa nso na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne;+ Galatifo 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+
7 Sɛ wosakra yɛ papa a, w’anim remma nyam anaa? Na sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw w’abobow ano, na ɛrehwehwɛ wo;+ adɛn na wunni no so?”+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+