Yosua 11:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Yehowa na ɔma wopirim wɔn koma+ sɛ wɔne Israelfo bɛko na wasɛe wɔn a ahummɔbɔ biara nnim,+ na watɔre wɔn ase sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+ Hiob 34:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Sɛnea ɔbarima nneyɛe te na obetua no ka,+Na sɛnea onipa kwan te no, saa ara na ɔbɛma aba no so. Mmebusɛm 15:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nteɛso mu yɛ den ma nea ogyaw ɔkwan no;+ obiara a ɔtan ɔkasakyerɛ bewu.+ Romafo 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ,+ na nea ɔpɛ nso na ɔma ɔsen ne kɔn.+ Hebrifo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 mmom no monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo+ da biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa+ nti, mo mu biara ansen ne kɔn.
20 Yehowa na ɔma wopirim wɔn koma+ sɛ wɔne Israelfo bɛko na wasɛe wɔn a ahummɔbɔ biara nnim,+ na watɔre wɔn ase sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
13 mmom no monkɔ so ntutu mo ho mo ho fo+ da biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa+ nti, mo mu biara ansen ne kɔn.