Hiob 14:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Woahyɛ ne nna ato hɔ,+Na n’asram dodow wɔ w’anim;Woatwa ɔhye ama no na wantra. Dwom 37:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa bɛserew no,+Efisɛ Onim sɛ n’awiei bɛba.+ Dwom 90:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson;+Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe,+Nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã;+Etwam ntɛm, na yɛyera.+ Ɔsɛnkafo 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+
10 Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson;+Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe,+Nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã;+Etwam ntɛm, na yɛyera.+
13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+