Hiob 14:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ ɔdesani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+ Dwom 78:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 Bere nyinaa ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam,+Na sɛ wɔn honhom no kɔ a, ɛnsan mma bio.+ Luka 12:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam.+ Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?’+ Yakobo 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.+
20 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo a wunni adwene, anadwo yi wɔregye wo kra afi wo nsam.+ Afei, hena na nneɛma a wode asie no bɛyɛ ne de?’+