Dwom 39:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Onipa nam sɛ sunsuma.+Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+ Dwom 52:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔbarima a ɔmfa Onyankopɔn nyɛ ne guankɔbea,+A ɔde ne ho to n’ahonyade bebrebe so,+Na ɔde ne werɛ hyɛ amumɔyɛde mu no ni.+ Yeremia 17:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nea onya ne ho nanso onnya no trenee so no,+ ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano; obebu ne nna mu fã na wagyaw biribiara,+ na awiei no, ɔbɛyɛ ɔkwasea.”+ Yakobo 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.+
6 Onipa nam sɛ sunsuma.+Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+
7 Ɔbarima a ɔmfa Onyankopɔn nyɛ ne guankɔbea,+A ɔde ne ho to n’ahonyade bebrebe so,+Na ɔde ne werɛ hyɛ amumɔyɛde mu no ni.+
11 Nea onya ne ho nanso onnya no trenee so no,+ ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano; obebu ne nna mu fã na wagyaw biribiara,+ na awiei no, ɔbɛyɛ ɔkwasea.”+