19 Na hena na onim sɛ ebia ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea?+ Nanso obedi m’ade a mebrɛ yɛe ne nea mede nyansa yɛe owia ase nyinaa so.+ Eyi nso yɛ ahuhude.
8 Obi wɔ hɔ a obiara nka ne ho;+ onni ba, na onni onua biara,+ nanso ɔyɛ adwumaden a, onnyae da. Na ahonyade biara nsɔ n’ani:+ “Na hena koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me kra yi?”+ Eyi nso yɛ ahuhude; ɛyɛ ɔbrɛdwuma.+