1 Samuel 30:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na Dawid gyee nea Amalekfo no fae+ nyinaa; Dawid yerenom baanu no nso, ogyee wɔn. Dwom 34:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso,+Nanso Yehowa gye no ne nyinaa mu.+ Mmebusɛm 11:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔtreneeni na woyi no fi ahohia mu,+ na ɔbɔnefo si n’ananmu.+ Mmebusɛm 24:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre;+ na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase.+