16 “Ɔkyena saa bere yi mɛsoma ɔbarima bi a ofi Benyamin+ asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo+ na fa no si me man Israel so panyin; ɔno na obegye me man afi Filistifo nsam,+ efisɛ mahu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abedu me nkyɛn.”+
5 Filistifo no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfo rebɛko; wɔde nteaseɛnam+ mpem aduasa ne apɔnkɔsotefo mpem asia ne nnipa a wɔn dodow te sɛ mpoano anhwea,+ na wɔforo kɔe kɔbɔɔ nsra wɔ Mikmas, Bet-Awen+ apuei.