Yosua 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Afei Yosua somaa mmarima fii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen+ wɔ Betel+ apuei fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munwia mo ho nkɔhwɛ sɛnea asase no te.” Enti mmarima no kɔhwɛe sɛnea Ai te.+ Yosua 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na wɔn hye no kɔpem Yordan atifi, na ɛforo kɔfa Yeriko+ nkoko so wɔ atifi, na etwam fa bepɔw so wɔ atɔe kɔpem Bet-Awen+ sare so. 1 Samuel 14:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na Yehowa gyee+ Israel ɛda no, na ɔko no kopuee Bet-Awen.+
2 Afei Yosua somaa mmarima fii Yeriko sɛ wɔnkɔ Ai+ a ɛbɛn Bet-Awen+ wɔ Betel+ apuei fam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munwia mo ho nkɔhwɛ sɛnea asase no te.” Enti mmarima no kɔhwɛe sɛnea Ai te.+
12 Na wɔn hye no kɔpem Yordan atifi, na ɛforo kɔfa Yeriko+ nkoko so wɔ atifi, na etwam fa bepɔw so wɔ atɔe kɔpem Bet-Awen+ sare so.