Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 33:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Israel, ma w’ani nnye!+

      Hena na ɔte sɛ wo,+

      Ɔman a anya Yehowa nkwagye?+

      Ɔno ne wo kyɛm a ɔboa wo+

      Ne wo nkrante kɛse.+

      Enti w’atamfo ho bɛpopo w’anim+

      Na wo de, wubetiatia wɔn mmepɔw ne wɔn nkoko so.”+

  • Atemmufo 2:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Sɛ Yehowa ma wɔn atemmufo+ a, na Yehowa di ɔtemmufo biara akyi. Na ɔtemmufo no nna nyinaa, ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam, efisɛ na ɛhaw Yehowa+ sɛ obehu sɛ wɔn atamfo+ ne asɔretiafo nti wɔresi apini.

  • 2 Ahene 19:34
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 34 Na ɔko na mɛko agye kurow yi,+ me+ ne m’akoa Dawid+ nti.”’”

  • Dwom 17:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 Ma w’adɔe nyɛ nwonwa,+ Ogyefo a wugye wɔn a woguan toa wo;

      Wugye wɔn fi wɔn a wɔtew atua tia wo nsa nifa no nsam.+

  • Dwom 44:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  7 Wo na wugyee yɛn fii yɛn atamfo nsam,+

      Na wɔn a wokyi yɛn kɔkɔkɔkɔ no, womaa wɔn ani wui.+

  • Yesaia 63:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Ɔtoaa so kae sɛ: “Wɔyɛ me man ampa,+ mma a wɔrenni atoro.”+ Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+

  • Hosea 1:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Nanso mehu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn,+ na ɛnyɛ agyan anaa nkrante anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefo so na mɛfa agye wɔn.”+

  • 1 Timoteo 4:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Eyi nti na yɛyɛ adwumaden na yɛyere yɛn ho,+ efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo no so;+ ɔno na ɔyɛ nnipa nyinaa+ Agyenkwa,+ titiriw anokwafo.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena