Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 23:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 “Nnye adanmude, efisɛ nea ohu ade yiye mpo, adanmude tumi fura n’ani, na ɛma ɔtreneeni sesa n’ano.+

  • Deuteronomium 16:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.

  • Dwom 15:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom,+

      Na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.+

      Nea ɔyɛ eyinom nyinaa no, ɔrenhinhim da biara da.+

  • Dwom 26:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Wɔn na ahohwibra+ wɔ wɔn nsam

      Na adanmude+ ayɛ wɔn nsa nifa ma.

  • Mmebusɛm 29:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Ɔhene de atɛntrenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ogyigye adanmude dwiriw gu.+

  • Yesaia 1:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+

  • Yesaia 33:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Nea ɔnam trenee kwan so+ daa a ɔka nea ɛteɛ,+ nea okyi apoobɔ sika,+ nea ɔtwe ne nsa na anso adanmude mu,+ nea osiw n’aso na ante mogyahwiegu, nea ɔkata n’ani na anhu bɔne.+

  • Mika 3:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Emu atitiriw gye adanmude bu atɛn,+ na emu asɔfo kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusu biara remma yɛn so.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena