Leviticus 26:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mubetiw mo atamfo+ na wɔatotɔ nkrante ano wɔ mo anim. Yosua 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mo mu biako pɛ betiw nnipa apem,+ efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛnea wahyɛ mo bɔ no.+ Dwom 44:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛnyɛ wɔn ankasa nkrante na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na egyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Efisɛ na wopɛ wɔn asɛm.+ Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+
3 Ɛnyɛ wɔn ankasa nkrante na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na egyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Efisɛ na wopɛ wɔn asɛm.+