8 Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asase no so akɔ asase a eye na ɛtrɛw so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so,+ baabi a Kanaanfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ te.
24 Eyi nti na meka kyerɛɛ mo sɛ:+ “Mobɛfa wɔn asase, na me nso mede asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so bɛma mo ayɛ mo agyapade.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na matew mo afi aman a aka no ho.”+