Atemmufo 1:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Yosua wu+ akyi no, Israelfo bisaa+ Yehowa sɛ: “Yɛn mu hena na obedi kan ne Kanaanfo akɔko?” 1 Samuel 30:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na Dawid bisaa Yehowa+ sɛ: “Mintiw afowfo yi anaa? Mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Tiw wɔn, na wobɛto wɔn, na ogye nso, wubegye.”+ 2 Samuel 5:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ Filistifo no so? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+ Mmebusɛm 3:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Fa wo koma nyinaa to Yehowa so,+ na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.+
8 Na Dawid bisaa Yehowa+ sɛ: “Mintiw afowfo yi anaa? Mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Tiw wɔn, na wobɛto wɔn, na ogye nso, wubegye.”+
19 Ɛnna Dawid bisaa+ Yehowa sɛ: “Menkɔ Filistifo no so? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na mede Filistifo no bɛhyɛ wo nsa.”+