20 Ɔnyɛ saa na ne koma anhoman ansen ne nuanom+ na wamman amfi ahyɛde yi ho ankɔ nifa anaa benkum,+ na ama ne nna aware n’ahenni mu+ wɔ Israel, ɔne ne mma nyinaa.
14 Nanso seesei de, w’ahenni renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ne koma da no so,+ na Yehowa de no besi ne man so panyin,+ efisɛ woanyɛ nea Yehowa hyɛɛ wo no.”+
16Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn,+ bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.”+