Hiob 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 O sɛ wode me resie Adamoa* mu ɛ,+Sɛ wode me rehintaw akosi sɛ w’abufuw bɛsan,Na sɛ worehyɛ me da+ na woakae me ɛ!+ Dwom 30:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 O Yehowa, woagye me kra afi Adamoa* mu;+Woama matena nkwa mu, na mankɔ amoa mu.+ Dwom 49:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Nanso me kra de, Onyankopɔn begye no Adamoa nsam,+Na obegye me ampa. Sela. Dwom 86:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Efisɛ w’adɔe dɔɔso ma me,+Na woagye me kra afi Adamoa* bun mu.+ Yohane 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Marta ka kyerɛɛ no sɛ: “Minim sɛ owusɔre+ mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” 1 Korintofo 15:55 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 “Owu, wo nkonimdi wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?”+
13 O sɛ wode me resie Adamoa* mu ɛ,+Sɛ wode me rehintaw akosi sɛ w’abufuw bɛsan,Na sɛ worehyɛ me da+ na woakae me ɛ!+