Dwom 33:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɛnyɛ asraafo dodow na ɛma ɔhene di nkonim;+Ɔdɔmmarima wɔ hɔ yi, ɛnyɛ ahoɔden dodow na egye no.+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Yeremia 9:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+
23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+