Mmebusɛm 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a,+ ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.+ Ɔsɛnkafo 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Mpere wo ho mfa abufuw,+ efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.+ Mateo 7:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Munnyae atɛn+ a mubu nkurɔfo no na wɔammu mo atɛn; Romafo 14:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn?+ N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.+ Nokwarem no, wɔbɛma wagyina, efisɛ Yehowa betumi ama wagyina.+ Yakobo 4:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Obiako na ɔyɛ mmarahyɛfo ne ɔtemmufo,+ na ɔno na otumi gye nkwa na otumi sɛe.+ Wo de, wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?+
4 Hena ne wo a wubu obi fie somfo atɛn?+ N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.+ Nokwarem no, wɔbɛma wagyina, efisɛ Yehowa betumi ama wagyina.+
12 Obiako na ɔyɛ mmarahyɛfo ne ɔtemmufo,+ na ɔno na otumi gye nkwa na otumi sɛe.+ Wo de, wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?+