1 Samuel 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛbae sɛ Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no twiw bɛnee sɛ wɔne Israel rebɛko. Na Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no de maa wɔn adwene tu frae,+ na wodii nkogu Israel anim.+ 2 Samuel 22:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Yehowa fi ɔsoro boboom,+Ɔsorosoroni no maa ne nne so.+ Dwom 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa fi ɔsoro boboom,+Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+Na amparuwbo ne nsramma a ɛredɛw nso bae.
10 Ɛbae sɛ Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no twiw bɛnee sɛ wɔne Israel rebɛko. Na Yehowa maa aprannaa boboom denneennen+ guu Filistifo no so saa da no de maa wɔn adwene tu frae,+ na wodii nkogu Israel anim.+