14 Na bere a oduu Lehi no, Filistifo de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehama a wɔde akyekyere n’abasa no yɛe sɛ asaawa a wɔde ogya afa ho,+ enti nhama no tetew fii ne nsa ho.
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+
5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kokum Filistini+ no ma Yehowa de nkonimdi kɛse gyee+ Israel nyinaa. Wuhui, na wudii ahurusi. Ɛnde dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a edi bem bɔne, na wukum+ Dawid kwa?”+