46 Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Yɛ ntɛm, fa ogya kukuwa na yi afɔremuka no so gya no bi gu so+ na fa aduhuam gu so na kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ efisɛ Yehowa bo afuw.+ Ɔhaw no afi ase!”
24 Seruia ba Yoab+ fii ase sɛ ɔrekan nnipa no, nanso wanwie;+ ɛho abufuw+ baa Israel so, enti wɔankyerɛw wɔn dodow no wɔ Ɔhene Dawid bere so nsɛm no mu.