1 Samuel 16:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+ 2 Samuel 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛnna Yuda+ mmarima baa hɔ bɛsraa+ Dawid ngo sii no Yuda fie so hene.+ Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfo na wosiee Saul.”
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+
4 Ɛnna Yuda+ mmarima baa hɔ bɛsraa+ Dawid ngo sii no Yuda fie so hene.+ Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfo na wosiee Saul.”