55 Bere a Saul hui sɛ Dawid refi adi akohyia Filistini no, obisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hena+ ba ne aberantewa yi?”+ Na Abner kae sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wo kra te ase yi, minnim!”
3 Nanso Dawid kaa ntam kaa ho,+ na ɔkae sɛ: “Wo papa nim sɛ manya w’anim dom,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnhu eyi, anyɛ saa a, ɛbɛyɛ no yaw.’ Nanso, sɛ́ Yehowa te ase+ na wo kra nso te ase yi,+ ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam!”+
26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te ase+ na wo kra nso te ase yi,+ Yehowa ayi wo afi mu+ na woammedi mogya ho fɔ,+ sɛ wode w’ankasa wo nsa bɛtɔ were.+ Na ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.+
19 Na ɔhene bisae sɛ: “Yoab+ nsa wɔ eyi nyinaa mu anaa?”+ Ɛnna ɔbea no buae sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wo kra te ase yi,+ nea me wura ɔhene aka nyinaa, obiara ntumi nnan mfi ho nkɔ nifa anaa benkum; ɛyɛ w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom.+