32 Nanso Dawid nua Simea+ ba Yehonadab+ kae sɛ: “Mma me wura nnnwen sɛ ɔhene mma mmerante no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nkutoo na wawu,+ efisɛ Absalom na ɔhyɛe sɛ wonkum no, na ɔbɔɔ pɔw+ yi fi da a ɔbrɛɛ ne nuabea+ Tamar ase+ no.
33 Na asɛm no haw ɔhene, na ɔforo kɔɔ kurow pon no atifi dan+ no mu, na otuee sũ mu. Na ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi,+ me ba Absalom! Anka me mmom minwu, anka minsi w’ananmu, Absalom, me ba yi, me ba yi!”+