2 Samuel 12:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na afei nkrante+ remfi wo fie da,+ efisɛ woabu me animtiaa na woafa Hitini Uria yere aware no.’ 2 Samuel 17:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: “Arkini Husai afotu no ye+ sen Ahitofel afotu no!” Ná Ahitofel afotu no ye,+ nanso Yehowa na ɔhyɛe+ sɛ wɔnsɛe afotu no+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusu+ bɛba Absalom so. Mmebusɛm 10:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Solomon+ mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔba kwasea hyɛ ne maame awerɛhow.+ Mmebusɛm 19:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔba kwasea ma ne papa hu amane,+ na ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa.+
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: “Arkini Husai afotu no ye+ sen Ahitofel afotu no!” Ná Ahitofel afotu no ye,+ nanso Yehowa na ɔhyɛe+ sɛ wɔnsɛe afotu no+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusu+ bɛba Absalom so.