1 Samuel 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa na okum na ɔkora nkwa so,+Nea ɔma nnipa sian kɔ Adamoa*+ mu, na ɔma wofi hɔ ba.+ Hiob 34:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Sɛnea ɔbarima nneyɛe te na obetua no ka,+Na sɛnea onipa kwan te no, saa ara na ɔbɛma aba no so. Yesaia 46:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+
10 Me na mifi mfiase ka awiei asɛm,+ na mifi tete ka nea ensii;+ me na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina,+ na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’+