Mmebusɛm 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔkwasea bu ne maame animtiaa.+ Mmebusɛm 17:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔba kwasea papa bedi ne ho awerɛhow;+ na ɔba a onni adwene no, ahurusi bi nni hɔ mma ne papa.+ Mmebusɛm 17:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ɔba kwasea hyɛ ne papa ahometew,+ na ɔma ne maame di awerɛhow.+