1 Ahene 1:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 Na nea ɔhene nso kae ni, ‘Nhyira+ nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahengua so ma mede m’aniwa ahu yi!’”+ Mmebusɛm 23:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,+ me na me koma bedi ahurusi.+ Mmebusɛm 27:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.+
48 Na nea ɔhene nso kae ni, ‘Nhyira+ nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɛnnɛ wayi obi atena m’ahengua so ma mede m’aniwa ahu yi!’”+