Mmebusɛm 10:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Solomon+ mmebusɛm. Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔba kwasea hyɛ ne maame awerɛhow.+ Mmebusɛm 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔba nyansafo ma ne papa ani gye,+ na ɔkwasea bu ne maame animtiaa.+ Mmebusɛm 23:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,+ me na me koma bedi ahurusi.+ Sefania 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa.+ N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛw begye n’ani. 2 Yohane 4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 M’ani agye paa efisɛ mahu sɛ wo mma+ no mu bi nam nokware no mu,+ sɛnea ahyɛde a yenya fii Agya no nkyɛn te.+
17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa.+ N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛw begye n’ani.
4 M’ani agye paa efisɛ mahu sɛ wo mma+ no mu bi nam nokware no mu,+ sɛnea ahyɛde a yenya fii Agya no nkyɛn te.+