Deuteronomium 30:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+ Dwom 147:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa ani gye wɔn a wosuro no ho+Na n’ani gye wɔn a wɔtwɛn n’adɔe no ho.+ Yesaia 62:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wobɛyɛ abotiri fɛfɛ wɔ Yehowa nsam,+ ne ahemmotiri wɔ wo Nyankopɔn nsayam. Yesaia 65:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 M’ani begye Yerusalem ho na madi ahurusi me man ho;+ wɔrente agyee! anaa buei! biara wɔ mu bio.”+ Yeremia 32:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’”
9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+
41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’”