9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+
5 Sɛnea aberante ware ɔbaabun no, saa ara na wo mma bɛware wo.+ Na sɛnea ayeforokunu di ayeforo ho ahurusi no,+ saa ara na wo Nyankopɔn bedi wo ho ahurusi.+
17 Yehowa wo Nyankopɔn wɔ wo mu. Ɔyɛ otumfoɔ, enti obegye nkwa.+ N’ani begye na wadi wo ho ahurusi.+ Ne dɔ nti, ɔbɛyɛ komm. Na wo nti, ɔde ahosɛpɛw begye n’ani.