25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: “Eyi na kɔka kyerɛ Yoab, ‘Mma asɛm yi nnyɛ w’ani so bɔne, na nkrante twa+ benkum twa nifa. Ma wo ko no mu nyɛ den wɔ kurow no so, na dwiriw gu.’+ Na hyɛ no den.”
20Na ɛbae sɛ afe kɔ behyiae,+ na bere a ahene fi kɔ ɔsa no,+ Yoab dii asraafodɔm no anim+ kɔtow hyɛɛ Ammonfo asase so sɛee no, na wɔsan kɔɔ Raba+ kotwaa ho hyiae. Saa bere no, Dawid tenaa Yerusalem, na Yoab ne Raba koe+ na ɔsɛee no.