7 Ɛbae sɛ bere a Boas adidi na wanom ama n’ani agye+ ne komam no, ɔkɔdaa atoko a wɔaboa ano no akyi. Na ɔbea no yɛɛ brɛoo koyii ne nan ho ntama daa hɔ.
36 Akyiri yi Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoe sɛ watow pon wɔ fie te sɛ ɔhene bi pon,+ na Nabal ani agye ne komam, na wabow+ titaa; na wanka asɛm ketewa anaa kɛse bi ankyerɛ ne kunu kosii sɛ ade kyee.
10 Da a ɛto so ason, bere a nsã ama ɔhene no ani agye no,+ ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona,+ Bigta ne Abagta, Seta ne Karkas, ahemfie mpanyimfo baason a wɔsom+ Ɔhene Ahasweros no,
3 Mede me koma hwehwɛɛ mu, de nsã gyee m’ani,+ nso mede nyansa kyerɛɛ me koma kwan,+ sɛ meso nkwaseasɛm mu akosi sɛ mehu adepa a ɛwɔ hɔ ma adesamma, nea wɔyɛ ɔsoro ase wɔn nkwa nna nyinaa mu.+