34 Absalom de, na waguan.+ Akyiri yi, aberante a ɔrewɛn+ no maa n’ani so hwɛe, na ɔnkɔhwɛ a, nnipa bebree na wofi bepɔw so kwan a ɛda n’akyi no so reba yi.
17 Ná ɔwɛmfo+ gyina Yesreel+ aban+ no so, na ohui sɛ Yehu ne ne dɔm reba ahoɔden so. Ɛhɔ ara na ɔkae sɛ: “Mihu nnipadɔm bi sɛ wɔreba ahoɔden so.” Ɛnna Yehoram kae sɛ: “Soma ɔpɔnkɔsotefo ma onkohyia wɔn na ommisa sɛ, ‘Asomdwoe mu anaa?’”+