1 Ahene 13:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na eyi bɛyɛɛ Yeroboam fie bɔne+ ne ade a ɛbɛma wɔapopa wɔn na wɔatɔre wɔn ase afi asase so.+ 2 Ahene 10:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa annantew Yehowa, Israel Nyankopɔn mmara mu.+ Wannan amfi Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no ho.+ 2 Ahene 17:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na ɔtew Israel fii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene; Yeroboam+ danee Israel fii Yehowa akyi, na ɔma wɔyɛɛ bɔne kɛse.+
31 Nanso Yehu anhwɛ amfa ne koma nyinaa annantew Yehowa, Israel Nyankopɔn mmara mu.+ Wannan amfi Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no ho.+
21 Na ɔtew Israel fii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene; Yeroboam+ danee Israel fii Yehowa akyi, na ɔma wɔyɛɛ bɔne kɛse.+