10 eyi nti mede mmusu reba Yeroboam fie so, na metwa Yeroboam fie barima+ biara akyene, Israel nipahunu a onni ɔboafo+ mpo; mɛpra Yeroboam fie nyinaa akɔ+ sɛnea obi pra nantwibin kɔtow gu no.+
29 Ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, okunkum Yeroboam fiefo nyinaa. Wannyaw Yeroboam ho nipa biara a ahome wɔ ne mu; ɔtɔree wɔn nyinaa ase sɛnea Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no te;+
23 kosii sɛ Yehowa tow Israel fii n’anim kyenee+ sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no.+ Enti Israel fii wɔn asase so kɔɔ nkoasom mu wɔ Asiria de besi nnɛ.+