63 “Afei sɛnea Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔ no,+ saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase.+ Na obetwa mo afi asase a morekɔ so no so.+
4 Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “To no din Yesreel,+ na aka kakraa bi na mama Yehu+ fie abu Yesreel mogyahwiegu ho akontaa na mama Israel fie nniso to atwa.+